Psalms 72

Mpae a wɔbɔ ma ɔhene

1Kyerɛ ɔhene no na ommu wʼatɛntrenee,
O Onyankopɔn.
Kyɛ no atemmu nyansa no bi
2sɛnea ɔde nokware bedi wo nkurɔfo so na wahwɛ wɔn a wɔremia wɔn no trenee mu.
3Asase no nkɔ so frɔmfrɔm.
Ma trenee mmra asase no so.
4Ma ɔhene mmu ahiafo atɛn pa.
Ma ɔmmoa ahiafo na onni wɔn a womia wɔn afɛfo so nkonim.
5Wo nkurɔfo nsom wo mmere dodow a owia bɔ yi, na ɔsram nso hyerɛn kɔsi daa daa yi.
6Ma ɔhene no nyɛ sɛ osu a ɛtɔ wɔ afum, ɛnyɛ sɛ obosu a egugu asase no so.
7Ma trenee mmu so ne nkwa nna mu, na nkɔso mmɔ atenaseɛ mmere dodow a ɔsram kɔ so haran yi.
8Nʼahenni befi po akosi po na afi Efrata akosi asase ano.
9Nnipa a wɔwɔ sare no so bɛkotow nʼanim.
Nʼatamfo bɛtow wɔn ho agu fam.
10Sampanya ahene ne ɛhɔ supɔw no sofo bɛma no akyɛde.
Arabia ahene ne Etiopia ahene bɛkyɛ no akyɛde.
11Ahene nyinaa bɛkotow nʼanim; aman nyinaa bɛsom no.
12Ahiafo a wɔfrɛ no no, ogye wɔn ne mmɔborɔfo ne wɔn a wonni ahwɛfo nyinaa.
13Ohu wɔn a wɔayɛ mmerɛw ne ahiafo mmɔbɔ.
Ogye wɔn a ade ahia wɔn no nkwa.
14Ogye wɔn fi ɔhyɛ ne basabasayɛ mu.
Wɔn nkwa som no bo.
15Ɔhene nkwa so!
Wɔmfa sikakɔkɔɔ mfi Arabia mmrɛ no.
Wɔmmɔ mpae mma no bere biara.
Onyankopɔn nhyira nka no daa daa.
16Aburow mmu so wɔ asase no so.
Afuduan mmu so wɔ nkoko so, na aba mmra bebree sɛ Lebanon.
Nnipa nhyɛ nkurow so ma te sɛ sare so sare.
17Daa, wɔnkae ɔhene din na ne din ntena nkyɛ sɛ owia.
Aman nyinaa nkamfo no.
Wɔnsrɛ Onyankopɔn na onhyira wɔn na wɔnsrɛ ahotɔ mma ɔhene.
18Monkamfo Awurade,
Israel Nyankopɔn!
Ɔno nko ara na ɔyɛ saa anwonwade yi.
19Monkamfo ne din a anuonyam ahyɛ no ma no daa daa.
Nʼanuonyam nhyɛ wiase nyinaa ma,
Amen!
Amen!
20Yisai ba Dawid mpaebɔ no awiei ni.
Copyright information for TwiNAK